1
Nnwom 119:105
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea ne mʼakwan so hann.
Compare
Explore Nnwom 119:105
2
Nnwom 119:11
Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo.
Explore Nnwom 119:11
3
Nnwom 119:9
Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate? Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so.
Explore Nnwom 119:9
4
Nnwom 119:2
Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ, na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no.
Explore Nnwom 119:2
5
Nnwom 119:114
Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
Explore Nnwom 119:114
6
Nnwom 119:34
Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so, na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so.
Explore Nnwom 119:34
7
Nnwom 119:36
Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho na ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho.
Explore Nnwom 119:36
8
Nnwom 119:71
Ɛyɛ sɛ mehunuu amane sɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm.
Explore Nnwom 119:71
9
Nnwom 119:50
Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.
Explore Nnwom 119:50
10
Nnwom 119:35
Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no na ɛhɔ na menya anigyeɛ.
Explore Nnwom 119:35
11
Nnwom 119:33
Kyerɛkyerɛ me, Ao AWURADE, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so, na mɛdi so akɔsi awieeɛ.
Explore Nnwom 119:33
12
Nnwom 119:28
Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha; hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ.
Explore Nnwom 119:28
13
Nnwom 119:97
Ao medɔ wo mmara no! Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.
Explore Nnwom 119:97