1
Nnwom 103:2
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ao me kra, kamfo AWURADE, na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa
Compare
Explore Nnwom 103:2
2
Nnwom 103:3-5
ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ na ɔsa wo nyarewa nyinaa, ɔgye wo nkwa firi damena mu na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire, ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛ na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.
Explore Nnwom 103:3-5
3
Nnwom 103:1
Ao me kra, kamfo AWURADE; na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
Explore Nnwom 103:1
4
Nnwom 103:13
Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, saa ara na AWURADE yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no
Explore Nnwom 103:13
5
Nnwom 103:12
Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
Explore Nnwom 103:12
6
Nnwom 103:8
Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE, ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
Explore Nnwom 103:8
7
Nnwom 103:10-11
Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ. Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no, saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so.
Explore Nnwom 103:10-11
8
Nnwom 103:19
AWURADE asi nʼahennwa wɔ soro, na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.
Explore Nnwom 103:19