1
Mmɛbusɛm 6:16-19
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nneɛma nsia na AWURADE mpɛ, nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ: ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo, akoma a ɛdwene amumuyɛ ho, nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne, Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 6:16-19
2
Mmɛbusɛm 6:6
Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!
Explore Mmɛbusɛm 6:6
3
Mmɛbusɛm 6:10-11
Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔ de rehome kakra, ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo.
Explore Mmɛbusɛm 6:10-11
4
Mmɛbusɛm 6:20-21
Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu. Fa kyekyere wʼakoma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu.
Explore Mmɛbusɛm 6:20-21