1
Mmɛbusɛm 31:30
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so; nanso ɔbaa a ɔsuro AWURADE no fata nkamfoɔ.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 31:30
2
Mmɛbusɛm 31:25-26
Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam; na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim. Ɔkasa nyansa mu, na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
Explore Mmɛbusɛm 31:25-26
3
Mmɛbusɛm 31:20
Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔ na ne nsa so onibie so.
Explore Mmɛbusɛm 31:20
4
Mmɛbusɛm 31:10
Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya? Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.
Explore Mmɛbusɛm 31:10
5
Mmɛbusɛm 31:31
Fa abasobɔdeɛ a wanya no ma no, na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn ɛpono ano.
Explore Mmɛbusɛm 31:31
6
Mmɛbusɛm 31:28
Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira; ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ
Explore Mmɛbusɛm 31:28