1
Mmɛbusɛm 29:25
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE so no, wɔbɛgye no.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 29:25
2
Mmɛbusɛm 29:18
Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.
Explore Mmɛbusɛm 29:18
3
Mmɛbusɛm 29:11
Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi, nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.
Explore Mmɛbusɛm 29:11
4
Mmɛbusɛm 29:15
Ntenesoɔ abaa ma nyansa, na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase.
Explore Mmɛbusɛm 29:15
5
Mmɛbusɛm 29:17
Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ; ɔbɛma wo ɔkra ani agye.
Explore Mmɛbusɛm 29:17
6
Mmɛbusɛm 29:23
Onipa ahomasoɔ brɛ no ase, nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam.
Explore Mmɛbusɛm 29:23
7
Mmɛbusɛm 29:22
Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba, na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii.
Explore Mmɛbusɛm 29:22
8
Mmɛbusɛm 29:20
Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa? Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no.
Explore Mmɛbusɛm 29:20