1
Mmɛbusɛm 22:6
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so, na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 22:6
2
Mmɛbusɛm 22:4
Ahobrɛaseɛ ne AWURADE suro ma ahonya ne animuonyam ne nkwa.
Explore Mmɛbusɛm 22:4
3
Mmɛbusɛm 22:1
Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe; sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.
Explore Mmɛbusɛm 22:1
4
Mmɛbusɛm 22:24
Mfa obi a ne bo ha no adamfo, na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu
Explore Mmɛbusɛm 22:24
5
Mmɛbusɛm 22:9
Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyira ɛfiri sɛ ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane.
Explore Mmɛbusɛm 22:9
6
Mmɛbusɛm 22:3
Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho, nanso atetekwaa kɔ nʼanim kɔnya amane.
Explore Mmɛbusɛm 22:3
7
Mmɛbusɛm 22:7
Adefoɔ di ahiafoɔ so, na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.
Explore Mmɛbusɛm 22:7
8
Mmɛbusɛm 22:2
Ɔdefoɔ ne ohiani wɔ adeɛ baako, AWURADE ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ.
Explore Mmɛbusɛm 22:2
9
Mmɛbusɛm 22:22-23
Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti, na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ, ɛfiri sɛ AWURADE bɛdi wɔn asɛm ama wɔn na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.
Explore Mmɛbusɛm 22:22-23