1
Mmɛbusɛm 12:25
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 12:25
2
Mmɛbusɛm 12:1
Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ, na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.
Explore Mmɛbusɛm 12:1
3
Mmɛbusɛm 12:18
Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.
Explore Mmɛbusɛm 12:18
4
Mmɛbusɛm 12:15
Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so, na ɔnyansafoɔ tie afotuo.
Explore Mmɛbusɛm 12:15
5
Mmɛbusɛm 12:16
Ɔkwasea bo nkyɛre fu, nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.
Explore Mmɛbusɛm 12:16
6
Mmɛbusɛm 12:4
Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ, nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.
Explore Mmɛbusɛm 12:4
7
Mmɛbusɛm 12:22
AWURADE kyiri ano a ɛtwa atorɔ, na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.
Explore Mmɛbusɛm 12:22
8
Mmɛbusɛm 12:26
Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu, nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.
Explore Mmɛbusɛm 12:26
9
Mmɛbusɛm 12:19
Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa, na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.
Explore Mmɛbusɛm 12:19