1
Mmɛbusɛm 10:22
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
AWURADE nhyira de ahonya ba, na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 10:22
2
Mmɛbusɛm 10:19
Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu, na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.
Explore Mmɛbusɛm 10:19
3
Mmɛbusɛm 10:12
Ɔtan hwanyan mpaapaemu, nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.
Explore Mmɛbusɛm 10:12
4
Mmɛbusɛm 10:4
Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.
Explore Mmɛbusɛm 10:4
5
Mmɛbusɛm 10:17
Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan, na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.
Explore Mmɛbusɛm 10:17
6
Mmɛbusɛm 10:9
Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo, na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
Explore Mmɛbusɛm 10:9
7
Mmɛbusɛm 10:27
AWURADE suro ma nkwa tenten, nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so.
Explore Mmɛbusɛm 10:27
8
Mmɛbusɛm 10:3
AWURADE remma ɛkɔm nne ɔteneneeni na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu.
Explore Mmɛbusɛm 10:3
9
Mmɛbusɛm 10:25
Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera, nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
Explore Mmɛbusɛm 10:25