1
Filipifoɔ 4:6
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mommma biribiara nha mo. Daa, mo nkotosrɛ ne aseda mpaeɛbɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnuru Onyankopɔn anim.
Compare
Explore Filipifoɔ 4:6
2
Filipifoɔ 4:7
Na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra adeɛ nyinaa so no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu.
Explore Filipifoɔ 4:7
3
Filipifoɔ 4:8
Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ ɛwɔ animuonyam, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛwɔ ɔdɔ, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayɛyie bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na monnwene.
Explore Filipifoɔ 4:8
4
Filipifoɔ 4:13
Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.
Explore Filipifoɔ 4:13
5
Filipifoɔ 4:4
Meka ti mu bio sɛ daa monnya ahosɛpɛ wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛ mo.
Explore Filipifoɔ 4:4
6
Filipifoɔ 4:19
Me Onyankopɔn firi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa.
Explore Filipifoɔ 4:19
7
Filipifoɔ 4:9
Deɛ moasua na moanya afiri me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛeɛ mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoeɛ no bɛka mo ho.
Explore Filipifoɔ 4:9
8
Filipifoɔ 4:5
Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛre, Awurade bɛba.
Explore Filipifoɔ 4:5
9
Filipifoɔ 4:12
Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara.
Explore Filipifoɔ 4:12
10
Filipifoɔ 4:11
Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me, ɛfiri sɛ, me suahunu enti tebea biara a mekɔ mu no, ɛnha me.
Explore Filipifoɔ 4:11