1
Filipifoɔ 1:6
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.
Compare
Explore Filipifoɔ 1:6
2
Filipifoɔ 1:9-10
Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo.
Explore Filipifoɔ 1:9-10
3
Filipifoɔ 1:21
Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ.
Explore Filipifoɔ 1:21
4
Filipifoɔ 1:3
Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.
Explore Filipifoɔ 1:3
5
Filipifoɔ 1:27
Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛhyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mogyina pintinn na mokura botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ wɔ Asɛmpa no ho.
Explore Filipifoɔ 1:27
6
Filipifoɔ 1:20
Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam.
Explore Filipifoɔ 1:20
7
Filipifoɔ 1:29
Na mo deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ monni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mobɛhunu amane nso.
Explore Filipifoɔ 1:29