1
Obadia 1:17
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ, na Yakob efie nsa bɛsane aka nʼagyapadeɛ.
Compare
Explore Obadia 1:17
2
Obadia 1:15
“AWURADE ɛda no abɛn ama amanaman nyinaa. Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no saa ara na wɔbɛyɛ woɔ. Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso.
Explore Obadia 1:15
3
Obadia 1:3
Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuro mu na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so, na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’
Explore Obadia 1:3
4
Obadia 1:4
Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie.
Explore Obadia 1:4