1
Mateo 5:15-16
Asante Twi Nkwa Asɛm
Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa. Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.
Compare
Explore Mateo 5:15-16
2
Mateo 5:14
“Mone ewiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta.
Explore Mateo 5:14
3
Mateo 5:8
Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.
Explore Mateo 5:8
4
Mateo 5:6
Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn.
Explore Mateo 5:6
5
Mateo 5:44
Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo.
Explore Mateo 5:44
6
Mateo 5:3
“Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu, na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea.
Explore Mateo 5:3
7
Mateo 5:9
Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.
Explore Mateo 5:9
8
Mateo 5:4
Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.
Explore Mateo 5:4
9
Mateo 5:10
Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.
Explore Mateo 5:10
10
Mateo 5:7
Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ.
Explore Mateo 5:7
11
Mateo 5:11-12
“Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so. Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no.
Explore Mateo 5:11-12
12
Mateo 5:5
Nhyira ne ahobrɛasefoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.
Explore Mateo 5:5
13
Mateo 5:13
“Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu na nnipa tiatia so.
Explore Mateo 5:13
14
Mateo 5:48
Enti monyɛ pɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.
Explore Mateo 5:48
15
Mateo 5:37
Momma mo nsɛm nyɛ ‘Aane’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam.
Explore Mateo 5:37
16
Mateo 5:38-39
“Mose mmara no ka sɛ, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu.
Explore Mateo 5:38-39
17
Mateo 5:29-30
Sɛ wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua no nyinaa atwene amanehunu ogya mu. Saa ara nso na sɛ wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua nyinaa atwene amanehunu ogya mu.
Explore Mateo 5:29-30
YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy
Home
Bible
Plans
Videos