1
Mateo 3:8
Asante Twi Nkwa Asɛm
Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa.
Compare
Explore Mateo 3:8
2
Mateo 3:17
Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani.”
Explore Mateo 3:17
3
Mateo 3:16
Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ ɔsoro bueɛ. Ɔhunuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane ba ne so sɛ aborɔnoma.
Explore Mateo 3:16
4
Mateo 3:11
“Me deɛ, mede nsuo na ɛrebɔ wɔn a wɔasakyera wɔn su no asu. Nanso deɛ ɔdi mʼakyi reba no deɛ, ɔso sene me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
Explore Mateo 3:11
5
Mateo 3:10
Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa, na ɔde agu ogya mu ahye no.
Explore Mateo 3:10
6
Mateo 3:3
Yohane ne deɛ odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ, “Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene!’ ”
Explore Mateo 3:3
YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy
Home
Bible
Plans
Videos