Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara pɛ. Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii ɛda a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu, na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii sɛ nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ.