Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?”
Wɔbuaa sɛ, “Kaesare.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”