1
Mateo 10:16
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma.
Compare
Explore Mateo 10:16
2
Mateo 10:39
Sɛ woma wo ɔkra som wo bo a, wobɛhwere wo ɔkra no, nanso sɛ me enti wohwere wo ɔkra a, wo nsa bɛka.
Explore Mateo 10:39
3
Mateo 10:28
Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no.
Explore Mateo 10:28
4
Mateo 10:38
Sɛ obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ.
Explore Mateo 10:38
5
Mateo 10:32-33
“Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. Nanso, obiara a ɔbɛka sɛ ɔnnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ mennim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
Explore Mateo 10:32-33
6
Mateo 10:8
Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.
Explore Mateo 10:8
7
Mateo 10:31
Enti, monnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sene nkasanoma.
Explore Mateo 10:31
8
Mateo 10:34
“Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ.
Explore Mateo 10:34
Home
Bible
Plans
Videos