Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho firi deɛ wogyina hɔ to fam! Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ,
“ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ
abɛbɔ wo ho ban;
na wɔabɛsɔ wo
na woammɛhwe abotan no so.’ ”
Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Nsɔ Awurade, wo Onyankopɔn, nhwɛ.’ ”