1
3 Mose 26:12
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Me ne mo bɛnante, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfoɔ.
Compare
Explore 3 Mose 26:12
2
3 Mose 26:4
daa mɛtɔ osuo ama mo ama mo nnɔbaeɛ ayɛ yie abu so, na mo nnua nso bɛso aba a ɛbɛkyɛre wɔ nnua no so.
Explore 3 Mose 26:4
3
3 Mose 26:3
“ ‘Sɛ modi me mmara no nyinaa so a
Explore 3 Mose 26:3
4
3 Mose 26:6
“ ‘Ɛfiri sɛ, mɛma mo asomdwoeɛ, na mɛma mo ada a monnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afiri mo ho.
Explore 3 Mose 26:6
5
3 Mose 26:9
“ ‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔre, na madi apam a me ne mo pameeɛ no so.
Explore 3 Mose 26:9
6
3 Mose 26:13
Mene AWURADE mo Onyankopɔn a ɔde mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ ɔmpɛ sɛ moyɛ nkoa bio no. Mabubu mo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, na mɛma mo anante animuonyam so.
Explore 3 Mose 26:13
7
3 Mose 26:11
Na mɛtena mo mu, na meremmu mo animtiaa.
Explore 3 Mose 26:11
8
3 Mose 26:1
“ ‘Monnyɛ abosom. Monnsisi ahoni anaa aboɔ mma mo ho. Mommfa aboɔ a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkoto wɔn. Mene AWURADE mo Onyankopɔn.
Explore 3 Mose 26:1
9
3 Mose 26:10
Mo nnɔbaeɛ bɛbu so a sɛ otwa berɛ foforɔ duru so a, morenhunu deɛ mode bɛyɛ.
Explore 3 Mose 26:10
10
3 Mose 26:8
Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka ɔpedu agu! Mo atamfoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ mo anim.
Explore 3 Mose 26:8
11
3 Mose 26:5
Na sɛ ɛduru odua berɛ so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mobɛdidi amee na moatena asase no so asomdwoeɛ mu
Explore 3 Mose 26:5
12
3 Mose 26:7
Mobɛpam mo atamfoɔ; na wɔbɛwuwu wɔ mo asekan ano.
Explore 3 Mose 26:7
13
3 Mose 26:2
“ ‘Ɛsɛ sɛ modi me Homeda, na mode anidie ma me kronkronbea. Mene AWURADE.
Explore 3 Mose 26:2