Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu,
ɛberɛ a nna afa nnipa
na wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so,
ɔtumi kasa gu wɔn asom
na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,
sɛ ɔbɛdane onipa afiri nneyɛɛ bɔne ho
na watwe no afiri ahantan ho,
sɛ ɔmma ne ɔkra nnkɔ amena mu
na ɔnhwere ne nkwa wɔ akofena ano.