Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfoɔ kɔ;
ɛwom sɛ wɔnya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho bɔhyɛ.
Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu,
nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.
Wɔma wɔn so berɛ tiawa bi, na afei wɔnni hɔ bio;
wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;
wɔtwitwa wɔn gu te sɛ aburoo ti.