1
Yeremia 8:22
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Aduro bi nni Gilead anaa? Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa? Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔ mma me nkurɔfoɔ apirakuro?
Compare
Explore Yeremia 8:22
2
Yeremia 8:4
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ AWURADE seɛ nie: “ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa? Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?
Explore Yeremia 8:4
3
Yeremia 8:7
Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no, na aturukuku, asomfena ne anyankuku hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi, nanso me nkurɔfoɔ nnim deɛ AWURADE hwehwɛ.
Explore Yeremia 8:7
4
Yeremia 8:6
Mawɛn maso matie, nanso wɔnnka deɛ ɛtene. Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho, na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?” Obiara fa ɔno ara ɛkwan so te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.
Explore Yeremia 8:6
5
Yeremia 8:9
Anyansafoɔ no anim bɛgu ase; wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn. Sɛ wɔapo AWURADE asɛm no a, na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?
Explore Yeremia 8:9