“Nna bi reba,” AWURADE na ɔseɛ,
“Mɛma tenenee dubaa bi so ama Dawid,
ɔhene bi a ɔbɛdi adeɛ nyansa mu
na wayɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase yi so.
Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwa
na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu.
Yei ne edin a wɔde bɛfrɛ no:
AWURADE Yɛn Tenenee.