Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam
pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ.
Enti AWURADE asɛm de ahohora ne nsopa
abrɛ me da mu nyinaa.
Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din
anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,
nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu,
ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu.
Mede ahyɛ me mu abrɛ
nokorɛm, merentumi.