1
Yesaia 65:24
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me. Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie.
Compare
Explore Yesaia 65:24
2
Yesaia 65:17
“Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso.
Explore Yesaia 65:17
3
Yesaia 65:23
Wɔremmrɛ nnwu na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a AWURADE ahyira wɔn, wɔne wɔn asefoɔ.
Explore Yesaia 65:23
4
Yesaia 65:22
Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi. Na nna a nnua di no, saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre.
Explore Yesaia 65:22
5
Yesaia 65:20
“Ɛrensi bio wɔ mu. Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi, anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ, deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ; na deɛ wannya mfeɛ ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
Explore Yesaia 65:20
6
Yesaia 65:25
Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu; gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie, nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie.
Explore Yesaia 65:25
7
Yesaia 65:19
Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho. Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ wɔ mu bio.
Explore Yesaia 65:19