1
Yesaia 54:17
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu. Yei ne AWURADE nkoa agyapadeɛ ne wɔn bembuo a ɛfiri me,” AWURADE na ɔseɛ.
Compare
Explore Yesaia 54:17
2
Yesaia 54:10
Sɛ mmepɔ woso, na nkokoɔ tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,” sei na AWURADE a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.
Explore Yesaia 54:10
3
Yesaia 54:4
“Nsuro. Wʼanim rengu ase. Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase. Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuo na wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio.
Explore Yesaia 54:4
4
Yesaia 54:5
Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu Asafo AWURADE ne ne din, Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.
Explore Yesaia 54:5
5
Yesaia 54:2
“Trɛ wo ntomadan no mu; twe wo ntomadan ntwamu no mu, nnyae yɛ; toa wo ntampehoma no so, bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie.
Explore Yesaia 54:2
6
Yesaia 54:13
AWURADE bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.
Explore Yesaia 54:13
7
Yesaia 54:8
Abufuo mmorosoɔ mu, mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi, nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti, mɛhunu wo mmɔbɔ,” deɛ AWURADE, wo Gyefoɔ seɛ nie.
Explore Yesaia 54:8
8
Yesaia 54:7
“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu, nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.
Explore Yesaia 54:7
9
Yesaia 54:9
“Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛ meremma nsuyire nkata asase ani bio. Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio, na merenka wʼanim bio.
Explore Yesaia 54:9
10
Yesaia 54:12
Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo, na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa.
Explore Yesaia 54:12