1
Yesaia 35:10
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ. Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ, na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.
Compare
Explore Yesaia 35:10
2
Yesaia 35:3-4
Hyɛ nsa a emu ago no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den; Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ, “Monhyɛ mo ho den, na monnsuro; mo Onyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro bɛba abɛgye mo nkwa.”
Explore Yesaia 35:3-4
3
Yesaia 35:8
Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan. Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so; amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so.
Explore Yesaia 35:8
4
Yesaia 35:5
Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani, na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm.
Explore Yesaia 35:5
5
Yesaia 35:6
Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.
Explore Yesaia 35:6