Deɛ ɔnante tenenee mu
na ɔdi nokorɛ
deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba
na ɔnnye adanmudeɛ,
deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ
deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no,
saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ.
Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no.
Wɔde nʼaduane bɛma no
na ne nsuo mmɔ no.