1
Yesaia 19:25
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Na Asafo AWURADE bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”
Compare
Explore Yesaia 19:25
2
Yesaia 19:20
Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo AWURADE wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ AWURADE a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn.
Explore Yesaia 19:20
3
Yesaia 19:1
Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim: Monhwɛ! AWURADE nam ahoɔherɛ omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.
Explore Yesaia 19:1
4
Yesaia 19:19
Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama AWURADE, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama AWURADE.
Explore Yesaia 19:19