1
Hebrifoɔ 10:25
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛre na ɛda no aba.
Compare
Explore Hebrifoɔ 10:25
2
Hebrifoɔ 10:24
Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa.
Explore Hebrifoɔ 10:24
3
Hebrifoɔ 10:23
Momma yɛnnyina gyidie a yɛasɔ mu no mu denden, ɛfiri sɛ, deɛ ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ.
Explore Hebrifoɔ 10:23
4
Hebrifoɔ 10:36
Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no.
Explore Hebrifoɔ 10:36
5
Hebrifoɔ 10:22
Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu yɛ den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho.
Explore Hebrifoɔ 10:22
6
Hebrifoɔ 10:35
Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua.
Explore Hebrifoɔ 10:35
7
Hebrifoɔ 10:26-27
Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, ɛfiri sɛ, wɔada nokorɛ no adi akyerɛ yɛn. Deɛ ɛwɔ hɔ ara ma wɔn a wɔtia Onyankopɔn ne atemmuo ne ogya a ɛbɛba abɛhye wɔn.
Explore Hebrifoɔ 10:26-27