1
Habakuk 1:5
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.
Compare
Explore Habakuk 1:5
2
Habakuk 1:2
Ao, AWURADE, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn, a nso wontie me? Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti, nanso womma mmɛgye me.
Explore Habakuk 1:2
3
Habakuk 1:3
Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea? Adɛn enti na wotena bɔne ho? Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia.
Explore Habakuk 1:3
4
Habakuk 1:4
Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo.
Explore Habakuk 1:4