1
Galatifoɔ 6:9
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no.
Compare
Explore Galatifoɔ 6:9
2
Galatifoɔ 6:10
Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ agyidifoɔ abusua.
Explore Galatifoɔ 6:10
3
Galatifoɔ 6:2
Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so.
Explore Galatifoɔ 6:2
4
Galatifoɔ 6:7
Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetweɛ. Deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa.
Explore Galatifoɔ 6:7
5
Galatifoɔ 6:8
Sɛ modi mo akɔnnɔ bɔne akyi a, mobɛkɔ ɔsɛeɛ mu, nanso sɛ monante Honhom mu a, mobɛnya daa nkwa.
Explore Galatifoɔ 6:8
6
Galatifoɔ 6:1
Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufoɔ no fa ɔdwoɔ ɛkwan so tene no. Nanso, monhwɛ wie na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.
Explore Galatifoɔ 6:1
7
Galatifoɔ 6:3-5
Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitire a ɛnso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho. Yɛ wʼadwuma yie na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforɔ ho; ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa.
Explore Galatifoɔ 6:3-5