1
Hesekiel 7:19
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn AWURADE abufuhyeɛ ɛda no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.
Compare
Explore Hesekiel 7:19
2
Hesekiel 7:27
Ɔhene no bɛtwa adwo, ɔheneba no bɛfira abasamutuo, na asase no so nnipa nsa bɛpopo. Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ, na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne AWURADE no.’ ”
Explore Hesekiel 7:27
3
Hesekiel 7:4
Merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no, na moahunu sɛ me ne AWURADE.’
Explore Hesekiel 7:4
4
Hesekiel 7:9
Merenhunu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no. Afei mobɛhunu sɛ me, AWURADE, na mebobɔ.
Explore Hesekiel 7:9