1
Hesekiel 34:16
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mɛhwehwɛ deɛ wayera na mede deɛ wabɔ ko asane aba. Mɛkyekyere deɛ wapira no akuro, na mahyɛ deɛ ɔyɛ mmerɛ no den, nanso deɛ wadɔre ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede tenenee bɛhwɛ nnwankuo no.
Compare
Explore Hesekiel 34:16
2
Hesekiel 34:12
Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan a wɔahwete ɛberɛ a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan so. Mɛyi wɔn afiri mmea mmea a wɔhwete kɔeɛ wɔ omununkum ne esum ɛda no.
Explore Hesekiel 34:12
3
Hesekiel 34:11
“ ‘Na yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mahwɛ wɔn so.
Explore Hesekiel 34:11
4
Hesekiel 34:15
Me ara mɛhwɛ me nnwan na mama wɔadeda hɔ. AWURADE asɛm nie.
Explore Hesekiel 34:15
5
Hesekiel 34:31
Mo, me nnwan, mʼadidibea nnwan yɛ me nkurɔfoɔ, na mene mo Onyankopɔn, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.’ ”
Explore Hesekiel 34:31
6
Hesekiel 34:2
“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Nnome nka Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ hwɛ nnwankuo no anaa?
Explore Hesekiel 34:2