1
Hesekiel 18:32
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mʼani nnye obiara owuo ho, Otumfoɔ AWURADE na ɔseɛ. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’
Compare
Explore Hesekiel 18:32
2
Hesekiel 18:20
Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdie no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdie ho asotwe no bi. Ɔteneneeni adeteneneeyɛ no bɛdi ama no, na wɔde omumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm bɛbu atia no.
Explore Hesekiel 18:20
3
Hesekiel 18:31
Monto mfomsoɔ a moayɛ nyinaa ngu na moanya akoma foforɔ ne honhom foforɔ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuo, Ao Israel efie?
Explore Hesekiel 18:31
4
Hesekiel 18:23
Mʼani gye amumuyɛfoɔ wuo ho anaa? Otumfoɔ AWURADE bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho na wɔnya nkwa a, mʼani nnye anaa?
Explore Hesekiel 18:23
5
Hesekiel 18:21
“Na sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi mʼahyɛdeɛ so, na afei ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ampa ara ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu.
Explore Hesekiel 18:21
6
Hesekiel 18:9
Ɔdi mʼahyɛdeɛ so na ɔdi me mmara so nokorɛm. Saa onipa no na ɔtene; na ampa ara ɔbɛnya nkwa AWURADE asɛm nie.
Explore Hesekiel 18:9