1
Hesekiel 12:28
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Ɛno enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: Merentwe me nsɛm nkɔ nkyiri bio. Deɛ meka biara bɛba mu, Otumfoɔ AWURADE na ɔseɛ.’ ”
Compare
Explore Hesekiel 12:28
2
Hesekiel 12:25
Nanso me AWURADE, mɛka deɛ ɛsɛ sɛ meka, na ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. Na mo atuatefoɔ efie, mo berɛ so, mɛma deɛ maka biara aba mu. Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ.’ ”
Explore Hesekiel 12:25
3
Hesekiel 12:2
“Onipa ba, wote nnipa a wɔte atua mu. Wɔwɔ ani nanso wɔnnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa atuatefoɔ.
Explore Hesekiel 12:2