1
2 Mose 8:18-19
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nkonyaayifoɔ no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn nyankomadeɛ yɛ saa ara, nanso wɔantumi. Nkonyaayifoɔ no kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei deɛ, Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso, Farao pirim nʼakoma enti wantie wɔn sɛdeɛ AWURADE aka ato hɔ no.
Compare
Explore 2 Mose 8:18-19
2
2 Mose 8:1
AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘AWURADE se, Ma me nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔsom me.
Explore 2 Mose 8:1
3
2 Mose 8:15
Nanso, Farao hunuu sɛ mponkyerɛne no kɔ no, ɔsane pirim nʼakoma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛdeɛ AWURADE aka ato hɔ no.
Explore 2 Mose 8:15
4
2 Mose 8:2
Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma.
Explore 2 Mose 8:2
5
2 Mose 8:16
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no mmɔ mfuturo na ɛbɛdane ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.”
Explore 2 Mose 8:16
6
2 Mose 8:24
AWURADE yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, enti nwansena bɛbu faa ɔman no so maa ebi kɔhyɛɛ Farao ahemfie ne Misraim afie nyinaa mu ma tɔ.
Explore 2 Mose 8:24