1
2 Mose 4:11-12
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
AWURADE bisaa no sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me AWURADE na meyɛeɛ? Hwan na ɔbɔ onipa ma ɔtumi kasa anaa ɔmma no nkasa? Hwan na ɔma no hunu adeɛ anaa ɔmma no nhunu adeɛ? Hwan na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? Afei, kɔ na kɔyɛ deɛ maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yie, na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka nso.”
Compare
Explore 2 Mose 4:11-12
2
2 Mose 4:10
Nanso, Mose srɛɛ sɛ, “Ao, AWURADE, mennim kasa. Ɛbɛsi ɛnnɛ anaa ɛfiri ɛberɛ a wo ne me kasaeɛ mpo no, mʼano nte.”
Explore 2 Mose 4:10
3
2 Mose 4:14
AWURADE bo fuiɛ enti ɔkaa sɛ, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ? Menim sɛ nʼano ate. Na hwɛ ɔno na ɔrebɛhyia wo no, na sɛ ɔhunu wo a, nʼani bɛgye.
Explore 2 Mose 4:14