AWURADE faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, AWURADE, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso; me AWURADE, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.”