1
Ɔsɛnkafoɔ 12:13
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awieeɛ nie: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so, na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:13
2
Ɔsɛnkafoɔ 12:14
Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn, deɛ wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:14
3
Ɔsɛnkafoɔ 12:1-2
Kae wo Bɔfoɔ wɔ wo mmeranteberɛ mu, ansa na nnabɔne no aba na mfeɛ a wobɛka sɛ, “Menni mu anigyeɛ biara” no reba, ansa na owia ne hann, ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na omununkum asane aba osutɔ akyi.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:1-2
4
Ɔsɛnkafoɔ 12:6-7
Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate, anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho, anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu, na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:6-7
5
Ɔsɛnkafoɔ 12:8
“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Biribiara yɛ ahuhudeɛ!”
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:8