1
Ɔsɛnkafoɔ 1:18
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba; nyansa bebree de ahohiahia bebree ba.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 1:18
2
Ɔsɛnkafoɔ 1:9
Deɛ aba no bɛba bio, deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 1:9
3
Ɔsɛnkafoɔ 1:8
Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ. Ani nhwɛ adeɛ nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 1:8
4
Ɔsɛnkafoɔ 1:2-3
“Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!” Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ Biribiara yɛ ahuhudeɛ.” Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu? Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no?
Explore Ɔsɛnkafoɔ 1:2-3
5
Ɔsɛnkafoɔ 1:14
Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 1:14
6
Ɔsɛnkafoɔ 1:4
Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 1:4
7
Ɔsɛnkafoɔ 1:11
Wɔnnkae tetefoɔ no, na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no renkae wɔn.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 1:11
8
Ɔsɛnkafoɔ 1:17
Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 1:17