1
5 Mose 4:29
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ AWURADE mo Onyankopɔn. Na sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mobɛhunu no.
Compare
Explore 5 Mose 4:29
2
5 Mose 4:31
Ɛfiri sɛ, mo Awurade mo Onyankopɔn no yɛ mmɔborɔhunu Onyankopɔn. Ɔrennya mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfiri apam a ɔne mo agyanom pameeɛ a ɔkaa ntam sii so no.
Explore 5 Mose 4:31
3
5 Mose 4:24
AWURADE, mo Onyankopɔn, yɛ Onyame ninkunfoɔ ne ogya a ɔhye adeɛ Onyankopɔn.
Explore 5 Mose 4:24
4
5 Mose 4:9
Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu sɛ AWURADE yɛ ma mo. Sɛ mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso sɛ mo mma ne mo nananom nso bɛte.
Explore 5 Mose 4:9
5
5 Mose 4:39
Enti, monkae na momma no ntim mo akoma mu: AWURADE yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so, na onyame bi nka ne ho bio!
Explore 5 Mose 4:39
6
5 Mose 4:7
Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ AWURADE, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi?
Explore 5 Mose 4:7
7
5 Mose 4:30
Sɛ ɔhaw bi to mo na yeinom nyinaa ba mo so a, akyire no, mobɛsane akɔ AWURADE mo Onyankopɔn nkyɛn na moayɛ ɔsetie ama no.
Explore 5 Mose 4:30
8
5 Mose 4:2
Mommfa bi nka ho, na monnyi biribiara nso mfiri mmara a AWURADE mo Onyankopɔn de ama me sɛ memfa mma mo no mu, na mmom monni so.
Explore 5 Mose 4:2