1
5 Mose 28:1
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Na sɛ motie AWURADE, mo Onyankopɔn, na modi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛpagya mo asene aman a wɔwɔ ewiase nyinaa.
Compare
Explore 5 Mose 28:1
2
5 Mose 28:2
Sɛ motie AWURADE, mo Onyankopɔn a, mobɛnya saa nhyira yi nyinaa
Explore 5 Mose 28:2
3
5 Mose 28:13
Sɛ motie saa AWURADE, mo Onyankopɔn, mmara yi na modi so a, AWURADE bɛyɛ mo ti na ɛnyɛ nan, na moakorɔn.
Explore 5 Mose 28:13
4
5 Mose 28:12
AWURADE firi nʼahonya dodoɔ a ɛwɔ soro no mu bɛma osuo atotɔ wɔ ne berɛ mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii nanso, mo deɛ, moremfɛm hwee mfiri wɔn nkyɛn.
Explore 5 Mose 28:12
5
5 Mose 28:7
Sɛ atamfoɔ to hyɛ mo so a, AWURADE bɛdi wɔn so. Wɔbɛfiri baabi ato ahyɛ mo so na wɔafa akwan nson so ahwete afiri mo anim.
Explore 5 Mose 28:7
6
5 Mose 28:8
Biribiara a mobɛyɛ no, AWURADE bɛhyira so na ɔde aburoo ahyɛ mo apata ma ma. AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.
Explore 5 Mose 28:8
7
5 Mose 28:6
Wɔbɛhyira mo wɔ baabiara a mobɛkɔ, mo fieba mu ne mo adifire mu.
Explore 5 Mose 28:6
8
5 Mose 28:3
Wɔbɛhyira mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.
Explore 5 Mose 28:3
9
5 Mose 28:4
Wɔde mma bebree ne nsase bereɛ bɛhyira mo. Wɔde anantwie ne nnwan a wɔn ase dɔre bɛhyira mo.
Explore 5 Mose 28:4
10
5 Mose 28:9
Sɛ modi AWURADE, mo Onyankopɔn, mmara no so na monante nʼakwan so a, Awurade bɛgyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
Explore 5 Mose 28:9
11
5 Mose 28:5
Wɔde nnuaba nkɛntɛn ma ma, ne mmɔre kodoɔ a burodo ahyɛ so ma bɛhyira mo.
Explore 5 Mose 28:5
12
5 Mose 28:11
AWURADE bɛma mo nneɛma pa ma aboro so ma—nyɛmmoa ne afudeɛ pii wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so.
Explore 5 Mose 28:11
13
5 Mose 28:10
Afei, ewiase aman nyinaa bɛhunu sɛ, moyɛ nnipa a AWURADE afa mo, na wɔbɛsuro mo.
Explore 5 Mose 28:10
14
5 Mose 28:14
Ɛnsɛ sɛ motwe mo ho firi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi biara ho sɛ morekɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn.
Explore 5 Mose 28:14
15
5 Mose 28:15
Na sɛ moantie AWURADE, mo Onyankopɔn, anni ne mmara nyinaa a mede rema mo ɛnnɛ no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba abɛbunkam afa mo so.
Explore 5 Mose 28:15