1
5 Mose 18:10-11
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mommma wɔnnhunu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babaa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na mommma mo nnipa no nnyɛ akɔmfoɔ a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifoɔ ne abisakorɔfoɔ, ne ntafowayifoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ, adutofoɔ a ɔbisa afunu.
Compare
Explore 5 Mose 18:10-11
2
5 Mose 18:12
Obiara a ɔyɛ saa adeɛ yi bi no yɛ AWURADE akyiwadeɛ na saa akyiwadeɛ yi enti, AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no afiri mo anim.
Explore 5 Mose 18:12
3
5 Mose 18:22
Sɛ odiyifoɔ no hyɛ nkɔm wɔ AWURADE din mu na amma mu a, na ɛnyɛ AWURADE na ɔde asɛm no maeɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifoɔ no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ wɔsuro no.
Explore 5 Mose 18:22
4
5 Mose 18:13
Na wɔmmfa so bi nto mo so wɔ AWURADE, mo Onyankopɔn, anim.
Explore 5 Mose 18:13