1
5 Mose 11:19
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Monkyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
Compare
Explore 5 Mose 11:19
2
5 Mose 11:18
Enti, momma me nsɛm yi ntena mo akoma mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkaedeɛ na momfa mmɔ abotire.
Explore 5 Mose 11:18
3
5 Mose 11:13-14
Sɛ moto mo bo ase tie me mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ AWURADE, mo Onyankopɔn, na mosom no a, ɛnneɛ, ɔbɛtɔ osuo ne berɛ mu ama mo na moatumi atwa nnɔbaeɛ de bi ayɛ nsã ne ngo.
Explore 5 Mose 11:13-14
4
5 Mose 11:1
Dɔ AWURADE wo Onyankopɔn na di nʼapɛdeɛ, ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so berɛ nyinaa.
Explore 5 Mose 11:1
5
5 Mose 11:26-28
Hwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim, Sɛ modi AWURADE, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira. Na sɛ mopo AWURADE, mo Onyankopɔn mmara dane firi nʼakwan a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so, kɔsom anyame foforɔ a, ɛbɛyɛ nnome.
Explore 5 Mose 11:26-28
6
5 Mose 11:20-21
Montwerɛ ngu mo afie aponnwa ne mo abɔntenpono ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma ase bɛdɔre wɔ asase a AWURADE kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so.
Explore 5 Mose 11:20-21
7
5 Mose 11:16
Monnnane mo akoma mfiri AWURADE so nkɔsom anyame foforɔ.
Explore 5 Mose 11:16