Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti. Ao, AWURADE, tie! Ao, AWURADE, fa kyɛ! Ao, AWURADE, tie na yɛ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ, wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so.”