Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no. Ɛba saa a na mobɛtumi atena ase sɛdeɛ Awurade hwehwɛ na ɛberɛ biara nso, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mobɛdi no, ɛbɛso aba pa na mobɛnyini wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.