1
Asomafoɔ 7:59-60
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Wɔresi Stefano aboɔ no nyinaa na ɔrebɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ.
Compare
Explore Asomafoɔ 7:59-60
2
Asomafoɔ 7:49
“ ‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Awurade na ɔseɛ. Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
Explore Asomafoɔ 7:49
3
Asomafoɔ 7:57-58
Wɔteateaam de wɔn nsa sisii wɔn aso. Afei, wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔto hyɛɛ ne so, twee no kɔɔ kurotia kɔsii no aboɔ. Wɔn a wɔsii no aboɔ no yiyii wɔn ntoma de maa aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.
Explore Asomafoɔ 7:57-58
Home
Bible
Plans
Videos