1
Romafoɔ 8:28
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.
Compare
Explore Romafoɔ 8:28
2
Romafoɔ 8:38-39
Na megye medi ampa sɛ, owuo anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nnoɔma a ɛwɔ hɔ, anaa nnoɔma a ɛrebɛba, anaa ahoɔden, anaa ɔsoro, anaa ebunu, anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu.
Explore Romafoɔ 8:38-39
3
Romafoɔ 8:26
Saa ara nso na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ a ɛsɛ no, yɛnnim, nanso Honhom no ara de ɔpene a ɛnni kabea di ma yɛn.
Explore Romafoɔ 8:26
4
Romafoɔ 8:31
Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?
Explore Romafoɔ 8:31
5
Romafoɔ 8:1
Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.
Explore Romafoɔ 8:1
6
Romafoɔ 8:6
Na honam adwene yɛ owuo, na honhom adwene no deɛ, ɛyɛ nkwa ne asomdwoeɛ.
Explore Romafoɔ 8:6
7
Romafoɔ 8:37
Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ.
Explore Romafoɔ 8:37
8
Romafoɔ 8:18
Na mebu no sɛ seesei berɛ yi mu amaneɛ yi nnuru animuonyam a wɔrebɛyi no adie de ama yɛn no.
Explore Romafoɔ 8:18
9
Romafoɔ 8:35
Hwan na ɔbɛtete yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa nkrantɛ?
Explore Romafoɔ 8:35
10
Romafoɔ 8:27
Na deɛ ɔpɛɛpɛɛ akoma mu no nim adekodeɛ a ɛyɛ Honhom no adwene, ɛfiri sɛ ɔdi ma ahotefoɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.
Explore Romafoɔ 8:27
11
Romafoɔ 8:14
Na dodoɔ a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Nyankopɔn mma.
Explore Romafoɔ 8:14
12
Romafoɔ 8:5
Na wɔn a wɔnam honam fam no dwene honam deɛ, na wɔn a wɔnam honhom deɛ mu no dwene honhom deɛ.
Explore Romafoɔ 8:5
13
Romafoɔ 8:32
Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?
Explore Romafoɔ 8:32
14
Romafoɔ 8:16-17
Honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ ne Kristo yɔnkoadedifoɔ, nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no animuonyam bi.
Explore Romafoɔ 8:16-17
15
Romafoɔ 8:7
Ɛfiri sɛ honam adwene yɛ nitan a ɛtane Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Nyankopɔn mmara no aseɛ, na mpo ɛntumi
Explore Romafoɔ 8:7
16
Romafoɔ 8:19
Na abɔdeɛ no ani agyina retwɛn Nyankopɔn mma ahoyie.
Explore Romafoɔ 8:19
17
Romafoɔ 8:22
Na yɛnim sɛ abɔdeɛ nyinaa penepene, na ɛko awoɔ bɛduru nnɛ yi.
Explore Romafoɔ 8:22
Home
Bible
Plans
Videos