1
Nnwom 66:18
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Sɛ medi ahuhudeɛ akyiri m’akomam a, anka AWURADE rentie me.
Compare
Explore Nnwom 66:18
2
Nnwom 66:20
Nhyira ne Onyankopɔn a wannane me mpaebɔ ani, na wanyi n’adɔeɛ amfiri me soɔ.
Explore Nnwom 66:20
3
Nnwom 66:3
Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo.
Explore Nnwom 66:3
4
Nnwom 66:1-2
Asase nyinaa, monni ahurisie mmɔ ose mma Onyankopɔn, monto dwom mma ne din animuonyam, monhyɛ no animuonyam nyi no ayɛ.
Explore Nnwom 66:1-2
5
Nnwom 66:10
Na wo, Onyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanane yɛn ahwɛ sɛ wɔnane dwetɛ hwɛ mu.
Explore Nnwom 66:10
6
Nnwom 66:16
Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmɛtie, na mɛka deɛ wayɛ ama me.
Explore Nnwom 66:16