1
Nnwom 61:1-2
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ. Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo m’akoma ahometeɛ mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sene me so.
Compare
Explore Nnwom 61:1-2
2
Nnwom 61:3
Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfoɔ anim.
Explore Nnwom 61:3
3
Nnwom 61:4
Mɛtena wo ntomadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase.
Explore Nnwom 61:4